BECEGhanaian LanguageGhana BECE 2019 GHANAIAN LANGUAGE AND CULTURE (TWI) PAST QUESTIONS AND ANSWERS passcogh2 years ago2 years ago01 mins 0% 139 Ghana BECE 2019 GHANAIAN LANGUAGE AND CULTURE (TWI) ANSWER BECE 2019 GHANAIAN LANGUAGE AND CULTURE (TWI) PAST QUESTIONS 1 / 40 1) Yi mmuaeɛ a ɛfata firi A-D mu bua nscmmisa a edidi soɔ y1 a ɛta Akanfoɔ ahenie, agorɔ ne owuo ho. Ahenfie nnipa no nyinaa sahene ne hwan? A) Gyaasehene B) Ɔkyeame C) Abrafoɔ D) Kurontihene 2 / 40 2) Ɔbarima a wɔwo no Yawoada mmrane ne …….. A) Okoto B) Prɛko C) Bodua D) Okyini 3 / 40 3) ….. yɛ amammerɛ a wɔyɛ de kae da titire bi a atwam wɔ abrabɔ mu. A) Nsaguo B) Bragorɔ C) Anansesɛn D) Afahyɛ 4 / 40 4) Akanfoɔ nnabuo mu no, akwasdɛɛ si mpɛn ahe wɔ afenhyia baako? A) Nkron B) Nson C) Dummienu D) Du 5 / 40 5) Antoakyire yɛ mmɔfra agorɔ no mu baako, ne botaeɛ titire ne sɛn? A) Papayɛ B) Ahoɔden C) Ahwɛyie D) Nnamfofa 6 / 40 6) Deɛn nti na sɛ obi reyɛ adwuma a ɔto dwom? A) Sɛnea ɛbɛyɛ a nkurofoɔ bɛte ne nne B) Sɛnea ɛbɛyɛ a, nkurofoɔ bɛhunu sɛ ɔwɔ afuom C) Sɛnea ɛbɛyɛ a ɔnte brɛ D) Sɛnea ɛbɛtwetwe nnipa abɛboa no 7 / 40 7) Bosome a ɛdidi soɔ yi mu deɛ ɛwɔ he na nsuo taa to pa ara? A) Ɔpnimaa B) Ahinime C) Ɔpɛɔn D) Ayɛwohomumɔ 8 / 40 8) Ɔhene biara wɔ ne mpanimfoɔ a ɔne wɔn bu ne man. Saa mpanimfoɔ yi wɔfrɛ wɔn sɛn? A) Mpapahweakwaa B) Atenankonnwa C) Nhenkwaa D) Adikurofoɔ 9 / 40 9) Hwehwe deɛ cda nsɔ saa nsɛnkuo yi mu. A) Konkosifoɔ B) Ahayɔ C) Kuayɔ D) Kentenwono 10 / 40 10) Ɔbɛtwani de …. Na ɛfite ne mmɛ A) tɛnee B) mpapa C) egya D) berɛ 11 / 40 11) Sɛ oman bi rekɔ sa a, sahene a ɔdi hɔene anim pɛɛ no ne hwan? A) Kyidomhene B) Benkumhene C) Gyaasehene D) Adɔntenhene 12 / 40 12) Tete no na mmarima taa sua nnwuma titire a wɔn ……..yɛ A) agyanom B) abusuafoɔ C) nananom D) wɔfanom 13 / 40 13) Owupa ne sɛ …. A) obi ato ne kɔn na wawuo B) obi atɔ nsuom awuo C) etuo akum obi D) obi anya lɔre akwanhyia na wawu 14 / 40 14) Ɛdi ….. ansa na abusuafoɔ ahyia ahwehwɛ owufoɔ agyapadeɛ. A) bosome B) afe C) adaduanan D) nnansa 15 / 40 15) Edin bɛn na Akanfoɔ de frɛ berɛ a obi awuo de kɔsi sɛ wɔbɛkora no wɔ amusieɛ no? A) Ayiseɛ B) Dɔteyie C) Ayipa D) Ahosiesie 16 / 40 16) Yi mmueaɛ A-D yi mu baako a ɛyɛ na ɛfa Akanfoɔ awareɛ, adedie, nkyea, dintoɔ ne nnwuma ho. Sɛ ɔbarima bi si ɔbaa bi asiwa a,….. A) ɔne ɔbaa no nni nkɔmmɔ B) ɔmmfa ne ho nka ɔbaa no C) ɔbaa no ne ɔbarima no tena faako D) wɔnnidi mmom 17 / 40 17) Berɛ bɛn na abaayewa bi so awadeɛ wɔ Akanman mu? A) Ɔbobo nufoɔ a B) Ɔwie sukuu a C) Ɔbu ne nsa a D) Ɔdi mfeɛ dunsia 18 / 40 18) Hwan na ɔgu ɔbaa bi hyire? A) N’ase B) Okunu C) Ne babarima D) N’akumaa 19 / 40 19) Ahosuo kɔkɔɔ a ɛwo Ghana frankaa mu no gyina hɔ ma …. A) oman no kwaec birentuo B) ɔman yi sika kɔkɔɔɔ C) ɔnuaba ahodoɔ a ɛwɔ ɔman no mu D) mogya a nananom hwie gu gyee ɔman no. 20 / 40 20) Sɛ wohunu sɛ duaa tua ɔbrani ano da a wɔregoro bra no a, ɛkyerɛ sɛ, …. A) ɔmaame wuiɛ nkyɛreeɛ B) obi asi no asiwa C) ɔyɛ agyanka . D) ɔhene se ɔbɛware no 21 / 40 21) Sɛ obi di obi adeɛ a yɛka sɛ, ….. A) wafa ne tuo B) wato boɔ C) wafom n’agyapadeɛ D) wapra n’ akyi 22 / 40 22) Akanfoɔ di adeɛ kɔ ……. Fam A) sewaa B) agya C) agya maame D) ɛna 23 / 40 23) Wɔdidi wieeɛ no, ɔbaako kaa sɛ yɛma wo adware. Na ɛkyerɛ sɛ ……… , A) wɔreda no ase B) wɔserɛ kwan C) wɔkɔdware D) wɔbɛdi bio 24 / 40 24) Nnyesoɔ a ɛdidi s0ɔ yi mu deɛ ɛwɔ he na ɛnyɛ Bosomfoɔ nnyesoɔ? A) Yaa Osua· B) YaaOburu C) Yaa Ɔpeafoɔ D) Yaa Amen 25 / 40 25) Akanfoɔ amammerɛ mu no wokyea firi ….. . A) mfinimfini B) nifa so C) mpanin so D) benkum so 26 / 40 26) Yei ne ɔkwan a Akanfoɔ nam so gye ɔhɔhoɔ bi to abusua bi mu..... A) Awaregyeɛ B) Dintoɔ C) Asubɔ D) Kradin 27 / 40 27) Nsa ne nsuo a wɔde sosɔ abɔfra tɛkrɛma so mɔ abadintoɔ mu no kyerɛ sɛ ɔmmɛyɛ ……. . A) akwadworɔ B) nokwafoɔ C) papa D) anomum 28 / 40 28) Edin a ɛdidi soɔ yi mu deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ abusuadin? A) Opoku B) Adusa C) Bediako D) Anto 29 / 40 29) Sɛ ɔkanni bi nya edin bi te sɛ Anane a, na ɛfiri…….. A) nsa a ɛboro B) awoɔ nnidisoɔ C) nsa dɔkɔdɔkɔ D) ntunkum 30 / 40 30) Yi mmuaeɛ A-D yi mu baako a ɛyɛ efa Akanfoɔ ntam, anansesɛm, nscnkyenane, nsaguo, nnwom ne atetesem ho. Sɛ yɛka sɛ obi aka ntam a, na ɛkyerɛ sɛ onipa korɔ no aka ɔman, kuro anaa kuro bi……… A) awerɛhosɛm B) anigyestm C) nokwasɛm D) nkontomposɛm 31 / 40 31) Sɛ obi ka ntam a ……. A) wɔkye no dedua B) wɔhuro no C) wde no kɔ kɔɔto D) wɔbɔ n’ aha so 32 / 40 32) Abɔdeɛ ahodoɔ a yɛte wɔni din wɔ anansesɛ mu no ne …. A) anansesɛm mma B) anansesɛm agorɔ C) anansesɛm su D) Ananse Akuamoa 33 / 40 33) Sɛ obi pae dua mu de mmerɛnkesono bɔ mu de si asaase bi so a, na ɛkyerɛ sɛ ….. A) manso wɔ asaase no so B) asaase korɔ no yɛ obi na wadɔ C) obi rebɛdɔ saa asaase no D) obi atɔ asaase no 34 / 40 34) Sɛ wowura efie bi mu na wabɔ nwera fitaa pɔ sɛn efie no aboboano a, na ɛkyerɛ sɛ….. A) wɔresi ɔhene B) wɔretwa odwira C) wɔrehyia ayeforɔ D) obi awo ntaa wɔ saa fie no mu 35 / 40 35) Anansesɛm yɛ……. A) obi awo ntaa wɔ saa fie no mu B) wɔretwa odwira C) asisiɛm D) nsɛm a asisi pɛn 36 / 40 36) Deɛ Akanfoɔ taa de yi apaeɛ ne ……. A) ntunkum B) nsa dɔkɔdɔkɔ C) nsa a ɛboro D) nsuo 37 / 40 37) Onyankopɔn mmrane a wɔtaa de bɔ no wɔ apaeɛ mu no baako ne… A) Daasebrɛ B) Ɔkoforoboɔ C) Kuntunkunuku D) Tweaduampɔ 38 / 40 38) Sɛ mmaa rebɛfiri adowa nnwom ase a, ……….. . A) wɔto no prɛko Pɛ B) wɔto apoɔ C) wɔtwa aho D) wɔboro adawuraa mu 39 / 40 39) Ɔkɔmfoɔ bɛn na atetesɛm kyerɛ sɛ otumi de mpaboa foroo onyina? A) Ɔkɔmfo Anɔkye B) Ansa Sasraku C) Ɔkomfo D) Aseibua Amanfi 40 / 40 40) Hwane na ɔde ne ho bɔɔ afɔreɛ maa Asanteman bere a, Asanteman ne Denkyira rekɔ ɔko no? A) OpokuWare B) Ɔsɛe Bonsu C) Twɛneboah Kodua D) ƆsɛeTutu Your score is Facebook Twitter Restart quiz Post navigation Previous: Ghana BECE 2015 INTEGRATED SCIENCE PAST QUESTIONS AND ANSWERSNext: Ghana WASSCE 2022 INTEGRATED SCIENCE PAST QUESTIONS AND ANSWERS Leave a Reply Cancel replyYour email address will not be published. Required fields are marked *Comment * Name * Email * Website Save my name, email, and website in this browser for the next time I comment. Δ
Ghana BECE 2009 INFORMATION AND COMMUNICATION TECHNOLOGY (ICT) PAST QUESTIONS AND ANSWERS passcogh2 years ago2 years ago 0
Ghana BECE 2020 GHANAIAN LANGUAGE AND CULTURE (TWI) PAST QUESTIONS AND ANSWERS passcogh2 years ago2 years ago 0